Frobits
🎵 A song made on Frobits

Maseda (My Thanksgiving) (Remix)

0:000:00
Download
Reply with a song
Lyrics

Halleluya, meda Wo ase Yesu.
“Efisɛ minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo,” Awurade na ɔse. “Ɛyɛ nhyehyɛe a ɛde papa bɛbrɛ mo, na ɛnyɛ amanehunu de. Mepɛ sɛ mede daakye pa ne anidaso ma mo.” (2x)
Na saa nna no, sɛ mobɔ me mpae a, metie mo. Sɛ mode mo koma nyinaa hwehwɛ me a, mobɛhu me. Mobɛnya me, Awurade na ɔse. Mebɛma mo afi nnommum mu, na masan de mo nhyira ne mo yiyedi aba. (2x)
Mɛboaboa mo ano afi amanaman a mede mo kɔɔ so no mu, na mede mo asan aba mo ara mo asase so.
Mede me ho to Wo asɛm so. Woyɛ Onyankopɔn a wonni atorɔ; Wonyɛ onipa sɛ wobɛdi atorɔ.
Nhyira nka Wo Din. Halleluya!
Amen. 🙏🏾

More songs by Adorablebiney🥰 Listen to songs created by others
FROBITS