Frobits
🎵 A song made on Frobits

Afrobits Freestyle (Remix)

haroldaddokissi · 🇬🇭 Ghana
0:000:00
Download Remix
Make your own song
Continues securely on the web
Lyrics

Ao wiase yi mu akwantuo! Ɛnnɛ ɛyɛ anigyeɛ, na ɔkyena na ayɛ awerɛhoɔ. Odasani, ma woani nna hɔ!
Sɛ me hwɛ senea nnipa bi tumi kasa,ayɛ sɛ wiase uɛ wɔn dea.
Nanso yɛnkae nhunu sɛ, Onyankopɔn noa ɔbɔɔ ne wiase no mpo ba Yesu bɛwuu yɛ.
Saa ara nso na dabidabi yɛn nso begya nea yɛwɔ nyinaa hɔ akɔ yɛn bɔfoɔ no nkyɛn.
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!
Aman mpanyinfoɔ animdefo bebiree bere no, wɔn nyinaa kɔ.
Akukudamfoɔ wɔ adesua mu nso kɔ bi
Adefoɔ akɛseɛ nso bi kɔ bi
Nnipa atitire bebiree nso kɔ bi.
Nti nnipa nsɛ hwee.Yɛnhu sɛ...
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!
President John Evans Atta Mills ne Vice President Kwasi Amissah Authur, Daddy Lumbar, Yaw Sarpong ne Maame Tiwaa, Dr. Omane Boamah ne atitiriw bebiree kɔ. Yɛn abusuafoɔ bebiree nso kɔ.
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!
Yɛmmɔ yɛn bra yiye, yɛn nnodɔ yɛn ho na yɛmmerɛ yɛn ho ase na Dabidabi, Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bi.
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!

More songs by haroldaddokissi Listen to songs created by others
FROBITS