Ao wiase yi mu akwantuo! Ɛnnɛ ɛyɛ anigyeɛ, na ɔkyena na ayɛ awerɛhoɔ. Odasani, ma woani nna hɔ!
Sɛ me hwɛ senea nnipa bi tumi kasa,ayɛ sɛ wiase uɛ wɔn sea.
Nanso uɛnkae nhunu sɛ, Onyankopɔn noa ɔbɔɔ ne wiase no mpo ba Yesu bɛwuu yɛ.
Saa ara nso na dabibi yɛn nso begya nea yɛwɔ nyinaa hɔ akɔ yɛn bɔfoɔ no nkyɛn.
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!
Aman mpanyinfoɔ animdefo bebiree bere soon yɛ no, wɔn nyinaa kɔ.
Akukudam wɔ adesua mu nso kɔ bi
Adefoɔ akɛseɛ nso bi kɔ bi
Nnipa atitire bebiree nso kɔ bi.
Nti nnipa nsɛ hwee.Yɛnhu sɛ...
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!
President John Evans Atta Mills ne Vice President Kwasi Amissah Auther, Daddy Lumbar, Yaw Sarpong ne Maame Tiwaa, Dr. Omane Boamah ne atitiriw bebiree kɔ nti onua e....
Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bio
Sɛ woyɛ osikani o, sɛ woyɛ ohiani o. Sɛ woyɛ Abofra anaa sɛ Opanyin mpo a, yɛn nyinaa bɛkɔ bi o!
Uɛmmɔ yɛn bra yiye, yɛn nnodɔ yɛn ho na yɛmmerɛ yɛn ho asɔ na Dabidabi, Dabidabi, yɛn nyinaa bɛkɔ bi.